Yeremia 30:4
Jeremiah 30:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
Jeremiah 30:4 in English
Jeremiah 30:4 · Berean Standard Bible
These are the words that the LORD spoke concerning Israel and Judah.
Context
2“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. 3Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.” 4Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Akomatuo nteateam na mete,
mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ. 6Mommisa na monhunu:
Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?
Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.