Native Bible

Jeremiah 30:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’

Jeremiah 30:17 in English

Jeremiah 30:17 · Berean Standard Bible

But I will restore your health and heal your wounds, declares the LORD, because they call you an outcast, Zion, for whom no one cares.”

Context

15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ. 16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so. 17Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’ 18“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie. 19Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodoɔ no so rente; mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.