Native Bible

Jeremiah 30:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

Jeremiah 30:16 in English

Jeremiah 30:16 · Berean Standard Bible

Nevertheless, all who devour you will be devoured, and all your adversaries—every one of them— will go off into exile. Those who plundered you will be plundered, and all who raided you will be raided.

Context

14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso. 15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ. 16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so. 17Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’ 18“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.