Yeremia 30:18
Jeremiah 30:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.
Jeremiah 30:18 in English
Jeremiah 30:18 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “I will restore the fortunes of * Jacob’s tents and have compassion on his dwellings. And the city will be rebuilt on her own ruins, and the palace will stand in its rightful place.
Context
16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;
mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.
Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.
Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so. 17Nanso mɛma wo ahoɔden bio
na masa wo apirakuro,’
Awurade na ɔseɛ,
‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,
Sion a wo ho nhia obiara.’ 18“Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba
na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;
wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,
na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie. 19Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba
ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.
Mɛma wɔadɔɔso,
na wɔn dodoɔ no so rente;
mɛhyɛ wɔn animuonyam,
na wɔremmu wɔn abomfiaa. 20Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,
mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;
wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.