Native Bible

Jeremiah 30:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

Jeremiah 30:20 in English

Jeremiah 30:20 · Berean Standard Bible

Their children will be as in days of old, and their congregation will be established before Me; and I will punish all their oppressors.

Context

18“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie. 19Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodoɔ no so rente; mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa. 20Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso. 21Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako; na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama sɛ ɔbɛbɛn me?’ Awurade na ɔseɛ. 22‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.