Native Bible

Jeremiah 30:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

Jeremiah 30:15 in English

Jeremiah 30:15 · Berean Standard Bible

Why do you cry out over your wound? Your pain has no cure! Because of your great iniquity and your numerous sins I have done these things to you.

Context

13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa. 14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso. 15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ. 16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so. 17Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.