Yeremia 30:13
Jeremiah 30:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa.
Jeremiah 30:13 in English
Jeremiah 30:13 · Berean Standard Bible
There is no one to plead your cause, no remedy for your sores, no recovery for you.
Context
11Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’
Awurade na ɔseɛ.
‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,
wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,
nanso merensɛe mo korakora.
Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;
meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’ 12“Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,
na ɛnni asaeɛ. 13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
wo kuro no rennya aduro,
na worennya ayaresa. 14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;
wo ho biribiara mfa wɔn ho.
Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ
na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,
ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo
na wʼamumuyɛ nso dɔɔso. 15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,
wo yeadie a ano nni aduro ho?
Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti
na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.