Native Bible

Jeremiah 30:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ, na ɛnni asaeɛ.

Jeremiah 30:12 in English

Jeremiah 30:12 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD says: “Your injury is incurable; your wound is grievous.

Context

10“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio. 11Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no, nanso merensɛe mo korakora. Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’ 12“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ, na ɛnni asaeɛ. 13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa. 14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.