Yeremia 23:11
Jeremiah 23:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” Awurade na ɔseɛ.
Jeremiah 23:11 in English
Jeremiah 23:11 · Berean Standard Bible
“For both prophet and priest are ungodly; even in My house I have found their wickedness,” declares the LORD.
Context
9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:
Mʼakoma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa woso.
Mete sɛ ɔsabofoɔ,
mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,
ɛsiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no enti. 10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;
nnome no enti asase no awo wesee
adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.
Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. 11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,”
Awurade na ɔseɛ. 12“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;
wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu
na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase.
Mede amanehunu bɛba wɔn so
wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”
Awurade na ɔseɛ. 13“Samaria adiyifoɔ mu no
mehunuu saa atantanneɛ yi:
Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.