Yeremia 23:10
Jeremiah 23:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; nnome no enti asase no awo wesee adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye. Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.
Jeremiah 23:10 in English
Jeremiah 23:10 · Berean Standard Bible
For the land is full of adulterers— because of the curse, the land mourns and the pastures of the wilderness have dried up— their course is evil and their power is misused.
Context
8na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” 9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:
Mʼakoma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa woso.
Mete sɛ ɔsabofoɔ,
mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,
ɛsiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no enti. 10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;
nnome no enti asase no awo wesee
adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.
Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. 11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,”
Awurade na ɔseɛ. 12“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;
wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu
na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase.
Mede amanehunu bɛba wɔn so
wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.