Yeremia 23:8
Jeremiah 23:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
Jeremiah 23:8 in English
Jeremiah 23:8 · Berean Standard Bible
Instead they will say, ‘As surely as the LORD lives, who brought and led the descendants of the house of Israel up out of the land of the north and all the other lands to which He had banished them.’ Then they will dwell once more in their own land.”
Context
6Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa
na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu.
Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no:
Awurade Yɛn Tenenee. 7Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ 8na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” 9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:
Mʼakoma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa woso.
Mete sɛ ɔsabofoɔ,
mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,
ɛsiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no enti. 10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;
nnome no enti asase no awo wesee
adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.
Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.