Yeremia 23:9
Jeremiah 23:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfa adiyifoɔ no ho no: Mʼakoma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa woso. Mete sɛ ɔsabofoɔ, mete sɛ obi a nsã aboro noɔ, ɛsiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no enti.
Jeremiah 23:9 in English
Jeremiah 23:9 · Berean Standard Bible
As for the prophets: My heart is broken within me, and all my bones tremble. I have become like a drunkard, like a man overcome by wine, because of the LORD, because of His holy words.
Context
7Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ 8na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.” 9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:
Mʼakoma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa woso.
Mete sɛ ɔsabofoɔ,
mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,
ɛsiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no enti. 10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;
nnome no enti asase no awo wesee
adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.
Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. 11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.