Native Bible

Jeremiah 23:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro; wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 23:12 in English

Jeremiah 23:12 · Berean Standard Bible

“Therefore their path will become slick; they will be driven away into the darkness and fall into it. For I will bring disaster upon them in the year of their punishment,” declares the LORD.

Context

10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; nnome no enti asase no awo wesee adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye. Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene. 11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” Awurade na ɔseɛ. 12“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro; wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ɔseɛ. 13“Samaria adiyifoɔ mu no mehunuu saa atantanneɛ yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan. 14Na Yerusalem adiyifoɔ mu no mahunu adeɛ a ɛyɛ hu: Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.