Native Bible

Jeremiah 22:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu.

Jeremiah 22:7 in English

Jeremiah 22:7 · Berean Standard Bible

I will appoint destroyers against you, each man with his weapons, and they will cut down the choicest of your cedars and throw them into the fire.

Context

5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ” 6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu. 7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu. 8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ 9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.