Yeremia 22:5
Jeremiah 22:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”
Jeremiah 22:5 in English
Jeremiah 22:5 · Berean Standard Bible
But if you do not obey these words, then I swear by Myself, declares the LORD, that this house will become a pile of rubble.’”
Context
3Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha. 4Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ” 6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:
“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead
na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,
nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,
sɛ nkuro a obiara nte mu. 7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
obiara ne nʼakodeɛ,
wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu
na wɔato agu ogya no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.