Yeremia 22:6
Jeremiah 22:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu.
Jeremiah 22:6 in English
Jeremiah 22:6 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD says concerning the house of the king of Judah: “You are like Gilead to Me, like the summit of Lebanon; but I will surely turn you into a desert, like cities that are uninhabited.
Context
4Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ” 6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:
“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead
na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,
nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,
sɛ nkuro a obiara nte mu. 7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
obiara ne nʼakodeɛ,
wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu
na wɔato agu ogya no mu. 8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.