Native Bible

Jeremiah 22:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’

Jeremiah 22:8 in English

Jeremiah 22:8 · Berean Standard Bible

And many nations will pass by this city and ask one another, ‘Why has the LORD done such a thing to this great city?’

Context

6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu. 7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu. 8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ 9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ” 10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ; mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.