Yeremia 22:9
Jeremiah 22:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”
Jeremiah 22:9 in English
Jeremiah 22:9 · Berean Standard Bible
Then people will reply, ‘Because they have forsaken the covenant of the LORD their God and have worshiped and served other gods.’”
Context
7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
obiara ne nʼakodeɛ,
wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu
na wɔato agu ogya no mu. 8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ 9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ” 10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;
mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi
na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio. 11Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.