Yeremia 22:24
Jeremiah 22:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.
Jeremiah 22:24 in English
Jeremiah 22:24 · Berean Standard Bible
“As surely as I live,” declares the LORD, “even if you, Coniah * son of Jehoiakim king of Judah, were a signet ring on My right hand, I would pull you off.
Context
22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,
na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.
Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase
ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti. 23Mo a mote Lebanon,
na modeda ntweneduro adan mu,
ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene
te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.