Native Bible

Jeremiah 22:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.

Jeremiah 22:22 in English

Jeremiah 22:22 · Berean Standard Bible

The wind will drive away all your shepherds, and your lovers will go into captivity. Then you will be ashamed and humiliated because of all your wickedness.

Context

20“Monkɔ Lebanon nkɔ su, momma wɔnte mo nne wɔ Basan; monsu mfiri Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa. 21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me. 22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti. 23Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.