Native Bible

Jeremiah 22:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

Jeremiah 22:23 in English

Jeremiah 22:23 · Berean Standard Bible

O inhabitant of Lebanon,* nestled in the cedars, how you will groan when pangs of anguish come upon you, agony like a woman in labor.”

Context

21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me. 22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti. 23Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.