Yeremia 22:25
Jeremiah 22:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.
Jeremiah 22:25 in English
Jeremiah 22:25 · Berean Standard Bible
In fact, I will hand you over to those you dread, who want to take your life—to Nebuchadnezzar king of Babylon and to the Chaldeans.*
Context
23Mo a mote Lebanon,
na modeda ntweneduro adan mu,
ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene
te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.