Yeremia 22:26
Jeremiah 22:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.
Jeremiah 22:26 in English
Jeremiah 22:26 · Berean Standard Bible
I will hurl you and the mother who gave you birth into another land, where neither of you were born—and there you both will die.
Context
24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.” 28Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,
adeɛ a obiara mpɛ anaa?
Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,
akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.