Yeremia 2:28
Jeremiah 2:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.
Jeremiah 2:28 in English
Jeremiah 2:28 · Berean Standard Bible
But where are the gods you made for yourselves? Let them rise up in your time of trouble and save you if they can; for your gods are as numerous as your cities, O Judah.
Context
26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,
saa na wɔagu Israel efie anim ase,
wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,
wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. 27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’
ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’
Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me
na ɛnyɛ wɔn anim;
nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,
‘Bra bɛgye yɛn!’ 28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?
Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo
ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!
Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree
te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. 29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?
Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”
Awurade na ɔseɛ. 30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;
wɔamfa me ntenesoɔ.
Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ
te sɛ gyata a nʼani abereɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.