Native Bible

Jeremiah 2:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.

Jeremiah 2:26 in English

Jeremiah 2:26 · Berean Standard Bible

As the thief is ashamed when he is caught, so the house of Israel is disgraced. They, their kings, their officials, their priests, and their prophets

Context

24wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no, ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no? Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree; ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no. 25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’ 26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. 27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’ 28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.