Native Bible

Jeremiah 2:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’

Jeremiah 2:25 in English

Jeremiah 2:25 · Berean Standard Bible

You should have kept your feet from going bare and your throat from being thirsty. But you said, ‘It is hopeless! For I love foreign gods, and I must go after them.’

Context

23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi; mennii Baalnom akyi’? Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu; dwene deɛ woayɛ no ho. Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ a wotu mmirika kɔ ha ba ha, 24wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no, ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no? Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree; ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no. 25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’ 26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. 27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.