Native Bible

Jeremiah 2:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’

Jeremiah 2:27 in English

Jeremiah 2:27 · Berean Standard Bible

say to a tree, ‘You are my father,’ and to a stone, ‘You gave me birth.’ For they have turned their backs to Me and not their faces, yet in the time of trouble they beg, ‘Rise up and save us!’

Context

25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’ 26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ. 27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’ 28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. 29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.