Native Bible

Jeremiah 2:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 2:29 in English

Jeremiah 2:29 · Berean Standard Bible

Why do you bring a case against Me? You have all rebelled against Me,” declares the LORD.

Context

27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’ 28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. 29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ. 30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ. 31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.