Native Bible

Jeremiah 2:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ.

Jeremiah 2:30 in English

Jeremiah 2:30 · Berean Standard Bible

“I have struck your sons in vain; they accepted no discipline. Your own sword has devoured your prophets like a voracious lion.”

Context

28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda. 29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ. 30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ. 31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’ 32Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.