Native Bible

Jeremiah 2:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan.

Jeremiah 2:32 in English

Jeremiah 2:32 · Berean Standard Bible

Does a maiden forget her jewelry or a bride her wedding sash? Yet My people have forgotten Me for days without number.

Context

30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ. 31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’ 32Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan. 33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ! Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan. 34Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu ahiafoɔ a wɔdi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu. Yeinom nyinaa akyi

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.