Yeremia 2:33
Jeremiah 2:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ! Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
Jeremiah 2:33 in English
Jeremiah 2:33 · Berean Standard Bible
How skillfully you pursue love! Even the most immoral of women could learn from your ways.
Context
31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:
“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?
Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?
Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;
yɛremma wo nkyɛn bio.’ 32Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,
ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?
Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,
nna a wɔntumi nkan. 33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!
Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan. 34Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu
ahiafoɔ a wɔdi bem mogya,
nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.
Yeinom nyinaa akyi 35woka sɛ, ‘Medi bem;
ne bo mfuu me.’
Nanso mɛbu wo atɛn
ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.