Yeremia 2:23
Jeremiah 2:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi; mennii Baalnom akyi’? Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu; dwene deɛ woayɛ no ho. Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ a wotu mmirika kɔ ha ba ha,
Jeremiah 2:23 in English
Jeremiah 2:23 · Berean Standard Bible
“How can you say, ‘I am not defiled; I have not run after the Baals’? Look at your behavior in the valley; acknowledge what you have done. You are a swift young she-camel galloping here and there,
Context
21Meduaa wo sɛ bobe amapa
a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.
Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me
bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi? 22Sɛ wode soda
ne samina bebree dware mpo a,
wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”
sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie. 23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;
mennii Baalnom akyi’?
Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;
dwene deɛ woayɛ no ho.
Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ
a wotu mmirika kɔ ha ba ha, 24wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,
ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.
Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?
Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;
ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no. 25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa
na wo mene mu bɛwe.
Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!
Mepɛ ananafoɔ anyame,
na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.