Yeremia 18:14
Jeremiah 18:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon* nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa? Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri gyae sene anaa?
Jeremiah 18:14 in English
Jeremiah 18:14 · Berean Standard Bible
Does the snow of Lebanon ever leave its rocky slopes? Or do its cool waters flowing from a distance ever run dry?
Context
12Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ” 13Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,
“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,
hwan na wate biribi sɛi pɛn?
Ɔbaabunu Israel ayɛ
adeɛ bi a ɛyɛ hu yie. 14Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon*
nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?
Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri
gyae sene anaa? 15Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.
Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,
a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so
ne tete atempɔn so.
Wɔma wɔfa akwan nkyɛn
ne akwan a wɔmmɔeɛ so. 16Wɔn asase bɛda mpan,
na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;
wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn
na wɔbɛwosowoso wɔn ti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.