Yeremia 18:12
Jeremiah 18:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ”
Jeremiah 18:12 in English
Jeremiah 18:12 · Berean Standard Bible
But they will reply, ‘It is hopeless. We will follow our own plans, and each of us will act according to the stubbornness of his evil heart.’”
Context
10na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho. 11“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ 12Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ” 13Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,
“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,
hwan na wate biribi sɛi pɛn?
Ɔbaabunu Israel ayɛ
adeɛ bi a ɛyɛ hu yie. 14Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon*
nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?
Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri
gyae sene anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.