Yeremia 18:13
Jeremiah 18:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie, “Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ, hwan na wate biribi sɛi pɛn? Ɔbaabunu Israel ayɛ adeɛ bi a ɛyɛ hu yie.
Jeremiah 18:13 in English
Jeremiah 18:13 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the LORD says: “Inquire among the nations: Who has ever heard things like these? Virgin Israel has done a most terrible thing.
Context
11“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ 12Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ” 13Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,
“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,
hwan na wate biribi sɛi pɛn?
Ɔbaabunu Israel ayɛ
adeɛ bi a ɛyɛ hu yie. 14Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon*
nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?
Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri
gyae sene anaa? 15Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.
Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,
a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so
ne tete atempɔn so.
Wɔma wɔfa akwan nkyɛn
ne akwan a wɔmmɔeɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.