Yeremia 18:16
Jeremiah 18:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa; wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn na wɔbɛwosowoso wɔn ti.
Jeremiah 18:16 in English
Jeremiah 18:16 · Berean Standard Bible
They have made their land a desolation, a perpetual object of scorn; all who pass by will be appalled and shake their heads.
Context
14Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon*
nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?
Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri
gyae sene anaa? 15Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.
Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,
a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so
ne tete atempɔn so.
Wɔma wɔfa akwan nkyɛn
ne akwan a wɔmmɔeɛ so. 16Wɔn asase bɛda mpan,
na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;
wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn
na wɔbɛwosowoso wɔn ti. 17Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim
te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no.
Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,
wɔ wɔn amanehunu da no.” 18Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.