Yeremia 14:9
Jeremiah 14:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu!
Jeremiah 14:9 in English
Jeremiah 14:9 · Berean Standard Bible
Why are You like a man taken by surprise, like a warrior powerless to save? Yet You are among us, O LORD, and we are called by Your name. Do not forsake us!
Context
7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.
Yɛn akyirisane dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo. 8Ao, Israel Anidasoɔ,
yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu,
adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so,
te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ? 9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade
na wo din da yɛn so;
nnya yɛn mu! 10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;
wɔmma wɔn nan nhome.
Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.” 11Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.