Native Bible

Jeremiah 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?

Jeremiah 14:8 in English

Jeremiah 14:8 · Berean Standard Bible

O Hope of Israel, its Savior in times of distress, why are You like a stranger in the land, like a traveler who stays but a night?

Context

6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.” 7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo. 8Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ? 9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu! 10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.