Yeremia 14:7
Jeremiah 14:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
Jeremiah 14:7 in English
Jeremiah 14:7 · Berean Standard Bible
Although our iniquities testify against us, O LORD, act for the sake of Your name. Indeed, our rebellions are many; we have sinned against You.
Context
5Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so
gya ne ba a wawo no foforɔ
ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ. 6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so
home sɛ sakraman;
wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea
nanso wɔnhunu bi.” 7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.
Yɛn akyirisane dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo. 8Ao, Israel Anidasoɔ,
yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu,
adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so,
te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ? 9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade
na wo din da yɛn so;
nnya yɛn mu!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.