Yeremia 14:5
Jeremiah 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so gya ne ba a wawo no foforɔ ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
Jeremiah 14:5 in English
Jeremiah 14:5 · Berean Standard Bible
Even the doe in the field deserts her newborn fawn because there is no grass.
Context
3Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;
wɔkɔhwɛ ankorɛ mu
nanso wɔnnya nsuo.
Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu;
wɔkatakata wɔn tiri so
wɔ abotuo ne abasamutuo mu. 4Asase no apaapae
ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so;
akuafoɔ no bo atu
na wɔkata wɔn tiri so. 5Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so
gya ne ba a wawo no foforɔ
ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ. 6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so
home sɛ sakraman;
wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea
nanso wɔnhunu bi.” 7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.
Yɛn akyirisane dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.