Native Bible

Jeremiah 14:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.”

Jeremiah 14:6 in English

Jeremiah 14:6 · Berean Standard Bible

Wild donkeys stand on barren heights; they pant for air like jackals;* their eyes fail for lack of pasture.”

Context

4Asase no apaapae ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so; akuafoɔ no bo atu na wɔkata wɔn tiri so. 5Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so gya ne ba a wawo no foforɔ ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ. 6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.” 7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo. 8Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.