Native Bible

Jeremiah 14:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”

Jeremiah 14:10 in English

Jeremiah 14:10 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says about this people: “Truly they love to wander; they have not restrained their feet. So the LORD does not accept them; He will now remember their guilt and call their sins to account.”

Context

8Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ? 9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu! 10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.” 11Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. 12Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.