Yeremia 14:11
Jeremiah 14:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.
Jeremiah 14:11 in English
Jeremiah 14:11 · Berean Standard Bible
Then the LORD said to me, “Do not pray for the well-being of this people.
Context
9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade
na wo din da yɛn so;
nnya yɛn mu! 10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;
wɔmma wɔn nan nhome.
Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.” 11Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. 12Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.” 13Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.