Yesaia 65:21
Isaiah 65:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
Isaiah 65:21 in English
Isaiah 65:21 · Berean Standard Bible
They will build houses and dwell in them; they will plant vineyards and eat their fruit.
Context
19Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,
na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.
Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ
wɔ mu bio. 20“Ɛrensi bio wɔ mu.
Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,
anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,
deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no
wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;
na deɛ wannya mfeɛ ɔha no
wɔbɛfa no sɛ wɔadome no. 21Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu,
wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. 22Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio,
na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi.
Na nna a nnua di no,
saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ;
me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi
wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre. 23Wɔremmrɛ nnwu
na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;
ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,
wɔne wɔn asefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.