Native Bible

Isaiah 65:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.

Isaiah 65:20 in English

Isaiah 65:20 · Berean Standard Bible

No longer will a nursing infant live but a few days, or an old man fail to live out his years. For the youth will die at a hundred years, and he who fails to reach a hundred will be considered accursed.

Context

18Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ wɔ deɛ merebɛbɔ ho, ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae. 19Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio. 20“Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no. 21Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. 22Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.