Yesaia 65:19
Isaiah 65:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio.
Isaiah 65:19 in English
Isaiah 65:19 · Berean Standard Bible
I will rejoice in Jerusalem and take delight in My people. The sounds of weeping and crying will no longer be heard in her.
Context
17“Hwɛ! Mɛbɔ
ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.
Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,
na ɛremma adwene mu nso. 18Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ
wɔ deɛ merebɛbɔ ho,
ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika
na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae. 19Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,
na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.
Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ
wɔ mu bio. 20“Ɛrensi bio wɔ mu.
Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,
anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,
deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no
wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;
na deɛ wannya mfeɛ ɔha no
wɔbɛfa no sɛ wɔadome no. 21Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu,
wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.