Native Bible

Isaiah 65:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.

Isaiah 65:17 in English

Isaiah 65:17 · Berean Standard Bible

For behold, I will create new heavens and a new earth.* The former things will not be remembered, nor will they come to mind.

Context

15Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ. 16Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri. 17“Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso. 18Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ wɔ deɛ merebɛbɔ ho, ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae. 19Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.