Yesaia 65:15
Isaiah 65:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.
Isaiah 65:15 in English
Isaiah 65:15 · Berean Standard Bible
You will leave behind your name as a curse for My chosen ones, and the Lord GOD will slay you; but to His servants He will give another name.
Context
13Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“Mʼasomfoɔ bɛdidi,
nanso ɛkɔm bɛde wɔn,
mʼasomfoɔ bɛnom,
nanso osukɔm bɛde wɔn;
mʼasomfoɔ ani bɛgye,
nanso wɔn anim bɛgu ase. 14Mʼasomfoɔ bɛto nnwom
afiri akoma mu anigyeɛ mu
na wɔbɛteam asu
afiri wɔn akoma ahoyera mu
na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu. 15Mo din bɛyɛ mmusuo
ama wɔn a mapa wɔn;
Otumfoɔ Awurade bɛkum mo
na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ. 16Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so
bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu;
obiara a ɔka ntam wɔ asase no so
bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu.
Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri
na me nso, me werɛ bɛfiri. 17“Hwɛ! Mɛbɔ
ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.
Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,
na ɛremma adwene mu nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.