Native Bible

Isaiah 65:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.

Isaiah 65:14 in English

Isaiah 65:14 · Berean Standard Bible

My servants will shout for joy with a glad heart, but you will cry out with a heavy heart and wail with a broken spirit.

Context

12mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.” 13Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase. 14Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu. 15Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ. 16Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.