Native Bible

Isaiah 65:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.”

Isaiah 65:12 in English

Isaiah 65:12 · Berean Standard Bible

I will destine you for the sword, and you will all kneel down to be slaughtered, because I called and you did not answer, I spoke and you did not listen; you did evil in My sight and chose that in which I did not delight.”

Context

10Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me. 11“Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no, 12mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.” 13Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase. 14Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.